Mark 2

Yesu sa obubuafo bi yare

1Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Oduu hɔ no, nnipa pii tee sɛ waba hɔ. 2Ankyɛ na nnipa bebree bɛhyɛɛ ofi a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ofitii ase kaa Asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. 3Mmarima baanan bi de obubuafo bi a wɔso no baa hɔ. 4Esiane sɛ na wontumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no, kotuu tokuru wɔ atifi. Wɔde obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim.

5Yesu huu wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”

6Nanso mmara no akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ hɔ no tee nea Yesu kae no, wɔdwenee wɔ wɔn tirim 7se, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Osusuw sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na otumi de bɔne kyɛ.”

8Yesu huu wɔn adwene no, ɛhɔ ara, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Adɛn na moma asɛm a mekae yi haw mo? 9Me, Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase so sɛ mede bɔne kyɛ. Sɛ obi bɛka asɛm bi no, nyɛ den. Obiara betumi aka asɛm a mekae yi. 10Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ nti,” ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, 11“Mise wo sɛ, sɔre gyina hɔ. Fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi.”

12Obubuafo yi sɔre bobɔw ne kɛtɛ, na ɔde anigye ne ahosɛpɛw faa nnipadɔm no mu kɔe. Nnipa no ho dwiriw wɔn, ma wɔkamfoo Onyankopɔn kae se, “Yenhuu eyi bi da!”

Yesu frɛ Lewi

13Yesu san kɔɔ mpoano hɔ bio na ɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuw a wɔahyia wɔ hɔ no. 14Bere a ɔnam mpoano hɔ no, ohuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ohuu no no, ɔka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Lewi sɔre dii nʼakyi.

15Saa da no anadwofa, Lewi tow pon, too nsa frɛɛ nʼafɛfo towgyefo ne nnebɔneyɛfo bi sɛ wɔmmra na ɔne wɔn ne Yesu ne nʼasuafo nto nsa nnidi. Nnipa a wodii Yesu akyi no bi te sɛ Lewi ara pɛ. 16Farisifo no hui sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ne towgyefo ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wobisaa nʼasuafo no se, “Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo te sɛ eyinom to nsa didi?”

17Yesu tee nea wɔkae no, obuaa wɔn se, “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafo ho nhia wɔn. Wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn. Mamma sɛ merebɛka akyerɛ atreneefo se wɔnsakra wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfo.”

Mmuadadi ho asɛmmisa

18Da bi a Yohane Osuboni akyidifo ne Farisifo no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Adɛn nti na Yohane ne Farisifo no akyidifo di mmuada na wʼakyidifo de, wonni mmuada?”

19Yesu nso bisaa wɔn se, “Moahu ayeforokunu nnamfo a wɔbɛba ayeforo ase a wɔbɛka se, wɔredi mmuada enti wɔrennidi anaa? Mmere dodow a wɔne ayeforokunu no nam no de, wɔrenni mmuada da. 20Nanso da bi bɛba a, wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn. Saa bere no na wobedi mmuada. 21Ɛte sɛ wode ntama foforo atare ntama dedaw mu. Dɛn na ɛba? Ntaremu no bɛtew ntama dedaw no mu, na ayi afi mu, na ama tokuru a ɛda hɔ no aso asen kan de no. 22Munim sɛ wɔmfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu. Anyɛ saa a, ɛbɛpae. Nsa no behwie agu, na nkotoku a nsa no wɔ mu no nso bɛpaapae. Ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu.”

Homedadi ho asɛm

23Homeda bi a Yesu ne nʼasuafo nam aburowfuw bi mu no, asuafo no pempan aburow no bi wee.

24Farisifo no bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Enni ho kwan sɛ wɔyɛ saa! Yɛn mmara mma ho kwan sɛ wobu aburow Homeda.”

25Yesu nso bisaa wɔn se, “Monkenkan nea ɔhene Dawid yɛɛ bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no, 26ne sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi, ɔsɔfo panyin Abiata bere so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kodii abodoo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn no, a obiara nni ho kwan sɛ odi, gye asɔfo nko ara, no pɛn? Na ɛno nso tia mmara. 27Onipa nti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda nti na wɔbɔɔ onipa. 28Na me, Onipa Ba no mpo, mewɔ tumi sɛ mekyerɛ nea ɛsɛ sɛ onipa tumi yɛ Homeda!”

Copyright information for TwiNAK